John 2

Yesu ma nsu dan nsa

1Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu ne na kɔɔ saa ayeforohyia no bi. 2Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafo no nso kɔɔ hɔ bi. 3Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sae maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”

4Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Mprempren de, merentumi nyɛ ho hwee, efisɛ, me bere nnya nnui ɛ.”

5Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”

6Saa bere no na nsuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de dwira wɔn ho afahyɛ ase. Na asuhina biara tumi fa nsu nkotokyiwa aduonu anaa aduasa. 7Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Monhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsu hyɛɛ no ma ma. 8Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”

9Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu no a adan nsa a onnim baabi a efi a asomfo no de, na wonim no hwɛe no, ɔfrɛɛ ayeforokunu no, 10ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔtow pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼapontow ase na akyiri yi, ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”

11Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnee a edi kan a ɔyɛe wɔ baguam de kyerɛe sɛ ne tumi fi soro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no. 12Ayeforohyia no akyi, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no kodii nna kakra wɔ Kapernaum.

Yesu kɔ asɔredan mu

13Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu no nti, Yesu kɔɔ Yerusalem.

14Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohui sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. 15Yesu faa ntampehama, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gui maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼagya fi nnyɛ aguadibea!”

17Asuafo no kaee sɛ, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwene ahyɛ me so.”

18Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

19Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”

20Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” 21Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no ho mfataho. 22Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

23Bere a Twam Afahyɛ no dui a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. 24Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ, na onim sɛnea nnipa suban te. 25Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ, na onim nea ɛwɔ onipa mu.

Copyright information for TwiNAK